Native Bible

Micah 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ, mo a moyɛ Israel sodifoɔ, a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa;

Micah 3:9 in English

Micah 3:9 · Berean Standard Bible

Now hear this, O leaders of the house of Jacob and rulers of the house of Israel, who despise justice and pervert all that is right,

Context

7Adepɛmuhunufoɔ ani bɛwu na wɔbɛgu nsamanfrɛfoɔ anim ase. Wɔn nyinaa bɛkatakata wɔn anim, ɛfiri sɛ mmuaeɛ biara mfiri Onyankopɔn hɔ mma.” 8Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma, Awurade Honhom ahyɛ me ma tenenee ne ahoɔden a mede bɛpae mu aka Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne. 9Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ, mo a moyɛ Israel sodifoɔ, a mokyiri atɛntenenee na mokyea deɛ ɛtene nyinaa; 10Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem. 11Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn, nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ, nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ. Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ, “Awurade nni yɛn ntam anaa? Ɔhaw biara remma yɛn so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.