Mika 3:10
Micah 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem.
Micah 3:10 in English
Micah 3:10 · Berean Standard Bible
who build Zion with bloodshed and Jerusalem with iniquity.
Context
8Nanso me deɛ tumi ahyɛ me ma,
Awurade Honhom ahyɛ me ma
tenenee ne ahoɔden
a mede bɛpae mu aka
Yakob amumuyɛ ne Israel bɔne. 9Montie, mo Yakob efie ntuanofoɔ,
mo a moyɛ Israel sodifoɔ,
a mokyiri atɛntenenee
na mokyea deɛ ɛtene nyinaa; 10Mo a mode mogyahwiegu kyekyeree Sion
ne awurukasɛm kyekyeree Yerusalem. 11Nʼadikanfoɔ no gye adanmudeɛ ansa na wabu atɛn,
nʼasɔfoɔ gye sika ansa na wɔakyerɛkyerɛ,
nʼadiyifoɔ de nkɔmhyɛ ayɛ sikapɛ.
Nanso wɔdan Awurade, na wɔka sɛ,
“Awurade nni yɛn ntam anaa?
Ɔhaw biara remma yɛn so.” 12Na mo enti,
wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo,
Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ,
na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.