Native Bible

Micah 2:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio.

Micah 2:10 in English

Micah 2:10 · Berean Standard Bible

Arise and depart, for this is not your place of rest, because its defilement brings destruction— a grievous destruction!

Context

8Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono. 9Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ. 10Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio. 11Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ. 12“Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob; nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu. Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu, te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea; nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.