Native Bible

Micah 2:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ.

Micah 2:9 in English

Micah 2:9 · Berean Standard Bible

You drive the women of My people from their pleasant homes. You take away My blessing from their children forever.

Context

7Ao, Yakob efie, mma monnka nsɛm a ɛte saa. Awurade Honhom nni boasetɔ? Ɔyɛ nneɛma a ɛte sei anaa? “Ne nsɛm nyɛ deɛ nʼakwan tene no yie anaa? 8Akyire no, me nkurɔfoɔ asɔre te sɛ asraafoɔ. Moworɔ ntadeɛ pa firi wɔn a wɔretwam a wɔnni adwemmɔne biara ho, ma wɔyɛ te sɛ asraafoɔ a wɔfiri akono. 9Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu firi wɔn afie fɛfɛ mu. Mogye me nhyira firi wɔn mma nsam afebɔɔ. 10Sɔre, firi ha kɔ! Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome, ɛfiri sɛ ɛho agu fi, Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio. 11Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.