Mika 2:11
Micah 2:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ, ‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’ ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ.
Micah 2:11 in English
Micah 2:11 · Berean Standard Bible
If a man of wind were to come and say falsely, “I will preach to you of wine and strong drink,”* he would be just the preacher for this people!
Context
9Mopam mmaa a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu
firi wɔn afie fɛfɛ mu.
Mogye me nhyira
firi wɔn mma nsam afebɔɔ. 10Sɔre, firi ha kɔ!
Ɛha nyɛ beaeɛ a wɔhome,
ɛfiri sɛ ɛho agu fi,
Wɔasɛe no, na ɛrenyɛ yie bio. 11Sɛ ɔtorofoɔ ne ɔdaadaafoɔ ba bɛka sɛ,
‘Mɛhyɛ nkɔm ama moanya nsã bebree a’
ɔbɛyɛ odiyifoɔ a saa nkurɔfoɔ yi pɛ. 12“Mɛboaboa mo nyinaa ano Ao, Yakob;
nokorɛm mɛka Israel nkaeɛfoɔ no nyinaa abɔ mu.
Mɛka wɔn abɔ mu te sɛ nnwan a wɔgu nnwammuo mu,
te sɛ nnwankuo a wɔwɔ adidibea;
nnipa bɛhyɛ beaeɛ ho manyamanya. 13Deɛ ɔbɔ ɛkwan no bɛdi wɔn anim
wɔbɛbu apono no na wɔafiri akɔ.
Wɔn ɔhene bɛsene adi wɔn anim,
Awurade bɛyɛ wɔn ti.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.