Mateo 13:16
Matthew 13:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm.
Matthew 13:16 in English
Matthew 13:16 · Berean Standard Bible
But blessed are your eyes because they see, and your ears because they hear.
Context
14Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ:
“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;
ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu. 15Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim.
Wɔyɛ asoɔden;
wɔakatakata wɔn ani.
Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ,
na wɔn aso ate asɛm,
na wɔn akoma ate asɛm ase,
na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’ 16Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm. 17Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante. 18“Afei, montie ɛbɛ a ɛfa okuafoɔ a ɔkɔguu aba wɔ nʼafuom no ho no asekyerɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.