Mateo 13:14
Matthew 13:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ: “ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ; ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.
Matthew 13:14 in English
Matthew 13:14 · Berean Standard Bible
In them the prophecy of Isaiah is fulfilled: ‘You will be ever hearing but never understanding; you will be ever seeing but never perceiving.
Context
12Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 13Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ:
“Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu;
wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ. 14Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ:
“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;
ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu. 15Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim.
Wɔyɛ asoɔden;
wɔakatakata wɔn ani.
Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ,
na wɔn aso ate asɛm,
na wɔn akoma ate asɛm ase,
na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’ 16Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.