Mateo 13:15
Matthew 13:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim. Wɔyɛ asoɔden; wɔakatakata wɔn ani. Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ, na wɔn aso ate asɛm, na wɔn akoma ate asɛm ase, na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’
Matthew 13:15 in English
Matthew 13:15 · Berean Standard Bible
For this people’s heart has grown callous; they hardly hear with their ears, and they have closed their eyes. Otherwise they might see with their eyes, hear with their ears, understand with their hearts, and turn, and I would heal them.’*
Context
13Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ:
“Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu;
wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ. 14Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ:
“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;
ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu. 15Ɛfiri sɛ, ɔman yi akoma apirim.
Wɔyɛ asoɔden;
wɔakatakata wɔn ani.
Sɛ ɛnte saa a anka wɔn ani bɛhunu adeɛ,
na wɔn aso ate asɛm,
na wɔn akoma ate asɛm ase,
na wɔanu wɔn ho asane aba me nkyɛn na masa wɔn yadeɛ.’ 16Na mo deɛ, wɔahyira mo ani sɛ ɛnhunu adeɛ; wɔahyira mo aso sɛ ɛnte asɛm. 17Na me deɛ mereka akyerɛ mo sɛ, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ pii pɛɛ sɛ wɔhunu deɛ mohunu no, nanso wɔanhunu. Wɔpɛɛ sɛ wɔte deɛ mote no, nanso wɔante.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.