Mateo 13:12
Matthew 13:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.
Matthew 13:12 in English
Matthew 13:12 · Berean Standard Bible
Whoever has will be given more, and he will have an abundance. Whoever does not have, even what he has will be taken away from him.
Context
10Ɔwiee ne nkyerɛkyerɛ no, nʼasuafoɔ no baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Adɛn na daa wonam abɛbuo so kasa kyerɛ nnipa no?” 11Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo deɛ, wɔde Ɔsoro Ahennie ho ahintasɛm ama mo na wɔn deɛ, wɔmmfa mmaa wɔn. 12Deɛ ɔwɔ biribi no, wɔbɛma no bi aka ho na wanya ma abu ne so. Na deɛ ɔnni ahe bi no, kakra a ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 13Deɛ enti a ɛma mekasa kyerɛ wɔn abɛbuo mu no ne sɛ:
“Wɔhunu deɛ, nanso wɔnhunu;
wɔte deɛ, na wɔnte aseɛ. 14Yei maa Yesaia nkɔm a ɔhyɛɛ sɛ:
“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;
ɔhunu deɛ mobɛhunu, nanso morenhunu no, aba mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.