Luka 6:20
Luke 6:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ, na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea!
Luke 6:20 in English
Luke 6:20 · Berean Standard Bible
Looking up at His disciples, Jesus said: “Blessed are you who are poor, for yours is the kingdom of God.
Context
18Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree. 19Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn. 20Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ,
na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea! 21Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo,
na mo na wɔbɛma mo amee.
Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ,
na mo na wɔbɛma mo ani agye. 22Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo,
na wɔpa mo na wɔya mo,
na wɔgu mo din ho fi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.