Luka 6:22
Luke 6:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔya mo, na wɔgu mo din ho fi.
Luke 6:22 in English
Luke 6:22 · Berean Standard Bible
Blessed are you when people hate you, and when they exclude you and insult you and reject your name as evil because of the Son of Man.
Context
20Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ,
na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea! 21Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo,
na mo na wɔbɛma mo amee.
Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ,
na mo na wɔbɛma mo ani agye. 22Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo,
na wɔpa mo na wɔya mo,
na wɔgu mo din ho fi. 23“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no. 24“Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no,
mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.