Native Bible

Luke 6:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no.

Luke 6:23 in English

Luke 6:23 · Berean Standard Bible

Rejoice in that day and leap for joy, because great is your reward in heaven. For their fathers treated the prophets in the same way.

Context

21Nhyira ne mo a ɛkɔm de mo, na mo na wɔbɛma mo amee. Nhyira ne mo a mo werɛ ahoɔ, na mo na wɔbɛma mo ani agye. 22Nhyira ne mo a Onipa Ba no din enti, nnipa tan mo, na wɔpa mo na wɔya mo, na wɔgu mo din ho fi. 23“Sɛ ɛba saa a, momma mo ani nnye na monni ahurisie! Ɛfiri sɛ, mo akatua so wɔ ɔsoro. Na saa ara nso na wɔn agyanom yɛɛ tete adiyifoɔ no. 24“Na mo adefoɔ deɛ, monnue ɛfiri sɛ, deɛ ɛma mo ani gye no, mo nsa aka dada; yei enti, monni kyɛfa biara bio. 25Monnue, mo a moamee seesei, na mo na ɛkɔm bɛde mo! Monnue, mo a moresere seesei, na mo na mobɛsi apinie, asu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.