Luka 6:18
Luke 6:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree.
Luke 6:18 in English
Luke 6:18 · Berean Standard Bible
They had come to hear Him and to be healed of their diseases, and those troubled by unclean spirits were healed.
Context
16Yuda, a ɔyɛ Yakobo ba;
ne Yuda Iskariot a ɔyii Yesu maeɛ no. 17Yesu firii bepɔ no so siane baa fam maa nʼakyidifoɔ bebree ne nnipakuo a wɔfiri Yudea, Yerusalem ne mpoano nkuro Tiro ne Sidon mu no bɛtwaa ne ho hyiaeɛ. 18Wɔbaeɛ sɛ wɔrebɛtie no ama wasa wɔn nyarewa nso. Ɔtuu ahonhommɔne bebree. 19Obiara bɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nsa bɛka Yesu. Ayarefoɔ a wɔde wɔn nsa kaa Yesu no nyinaa ho tɔɔ wɔn. 20Afei, ɔdanee nʼani ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ,
“Nhyira ne mo a moyɛ ahiafoɔ,
na mo na Onyankopɔn Ahennie no yɛ mo dea!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.