Kwadwom 2:21
Lamentations 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu mfuturo mu wɔ mmɔntene so, me mmeranteɛ ne mmabaawa atotɔ wɔ akofena ano. Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.
Lamentations 2:21 in English
Lamentations 2:21 · Berean Standard Bible
Both young and old lie together in the dust of the streets. My young men and maidens have fallen by the sword. You have slain them in the day of Your anger; You have slaughtered them without compassion.
Context
19Sɔre, su denden anadwo
ɔdasuom mfitiaseɛ;
hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo
gu Awurade anim.
Ma wo nsa so kyerɛ no
wo mma nkwa enti,
wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha
wɔ mmɔntene so. 20“Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade:
Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn?
Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa,
mma a wɔahwɛ wɔn?
Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ
wɔ Awurade kronkronbea anaa? 21“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu
mfuturo mu wɔ mmɔntene so,
me mmeranteɛ ne mmabaawa
atotɔ wɔ akofena ano.
Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da;
wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ. 22“Sɛdeɛ wotoo wo nsa frɛ wɔ apontoɔ da no,
saa ara na wofrɛfrɛɛ
amanehunu firi afanan nyinaa tiaa me.
Awurade abufuo da no,
obiara annwane na obiara anka:
wɔn a mehwɛɛ wɔn na metetee wɔn no,
me ɔtamfoɔ adwerɛ wɔn.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.