Native Bible

Lamentations 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɔre, su denden anadwo ɔdasuom mfitiaseɛ; hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa enti, wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha wɔ mmɔntene so.

Lamentations 2:19 in English

Lamentations 2:19 · Berean Standard Bible

Arise, cry out in the night from the first watch of the night.* Pour out your heart like water in the presence of the Lord. Lift up your hands to Him for the lives of your children who are fainting from hunger on the corner of every street.

Context

17Awurade ayɛ deɛ ɔhyehyɛeɛ; wama nʼasɛm a ɔhyɛɛ dadaada no aba mu. Watu wo agu a wanhunu wo mmɔbɔ, wama ɔtamfoɔ no ani agye wama wʼatamfoɔ no mmɛn so. 18Nnipa no akoma su frɛ Awurade. Ao, Sion Ɔbabaa fasuo, ma wo nisuo nsene sɛ asubɔnten awia ne anadwo; nnye wʼahome mma wʼani nso nnya ahomeɛ. 19Sɔre, su denden anadwo ɔdasuom mfitiaseɛ; hwie wʼakoma mu nsɛm sɛ nsuo gu Awurade anim. Ma wo nsa so kyerɛ no wo mma nkwa enti, wɔn a ɛkɔm ama wʼatotɔ baha wɔ mmɔntene so. 20“Hwɛ na dwene ho, Ao, Awurade: Hwan na wode no afa saa ɛkwan yi so pɛn? Ɛsɛ sɛ mmaa we wɔn yafunu mma nam anaa, mma a wɔahwɛ wɔn? Ɛsɛ sɛ wɔkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ wɔ Awurade kronkronbea anaa? 21“Mmɔfra ne mpanin adeda abɔ mu mfuturo mu wɔ mmɔntene so, me mmeranteɛ ne mmabaawa atotɔ wɔ akofena ano. Wakum wɔn wɔ wʼabufuo da; wayam wɔn na wannya ahummɔborɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.