Native Bible

Lamentations 1:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa.

Lamentations 1:13 in English

Lamentations 1:13 · Berean Standard Bible

He sent fire from on high, and it overpowered my bones. He spread a net for my feet and turned me back. He made me desolate, faint all the day long.

Context

11Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie ɛberɛ a wɔrepɛ aduane; wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane de nya ahoɔden. “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho, ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.” 12“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? Monhwɛ na monhunu. Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? Deɛ Awurade de baa me so wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 13“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa. 14“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa; ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu. Abɛda me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa. 15“Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.