Kwadwom 1:12
Lamentations 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? Monhwɛ na monhunu. Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? Deɛ Awurade de baa me so wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
Lamentations 1:12 in English
Lamentations 1:12 · Berean Standard Bible
Is this nothing to you, all you who pass by? Look around and see! Is there any sorrow like mine, which was inflicted on me, which the LORD made me suffer on the day of His fierce anger?
Context
10Ɔtamfoɔ no de ne nsa too
nʼademudeɛ nyinaa so;
ɔhunuu sɛ amanaman
rehyɛne ne kronkronbea hɔ,
nnipa a woabra sɛ
wɔnnhyɛne wʼasafo mu no. 11Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie
ɛberɛ a wɔrepɛ aduane;
wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane
de nya ahoɔden.
“Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho,
ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.” 12“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa?
Monhwɛ na monhunu.
Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ
a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa?
Deɛ Awurade de baa me so
wɔ nʼabufuhyeɛ da no. 13“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro,
ma ɛbaa me nnompe mu.
Ɔsum afidie maa me nan
na ɔsane me kɔɔ mʼakyi.
Ɔyɛɛ me pasaa,
metɔɔ bira da mu nyinaa. 14“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa;
ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.
Abɛda me kɔn mu
na Awurade atwe mʼahoɔden.
Ɔde me ahyɛ wɔn a
merentumi nnyina wɔn anim no nsa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.