Native Bible

Lamentations 1:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔtamfoɔ no de ne nsa too nʼademudeɛ nyinaa so; ɔhunuu sɛ amanaman rehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛne wʼasafo mu no.

Lamentations 1:10 in English

Lamentations 1:10 · Berean Standard Bible

The adversary has seized all her treasures. For she has seen the nations enter her sanctuary— those You had forbidden to enter Your assembly.

Context

8Yerusalem ayɛ bɔne kɛseɛ enti ne ho agu fi. Wɔn a wɔdi no ni no sopa no, ɛfiri sɛ wɔahunu nʼadagya; ɔno ankasa gu ahome na ɔdane nʼani. 9Nʼafideyɛ atu aka ne ntadeɛ mu; wannwene ne daakye ho. Nʼasehweɛ yɛ nwanwa; obiara ankyekyere ne werɛ. “Ao Awurade hwɛ mʼamanehunu, ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ adi nkonim.” 10Ɔtamfoɔ no de ne nsa too nʼademudeɛ nyinaa so; ɔhunuu sɛ amanaman rehyɛne ne kronkronbea hɔ, nnipa a woabra sɛ wɔnnhyɛne wʼasafo mu no. 11Ne nkurɔfoɔ nyinaa si apinie ɛberɛ a wɔrepɛ aduane; wɔde wɔn ademudeɛ sesa aduane de nya ahoɔden. “Ao, Awurade, hwɛ na dwene me ho, ɛfiri sɛ wɔbu me animtia.” 12“Ɛmfa mo ho anaa, mo a motwam hɔ nyinaa? Monhwɛ na monhunu. Ɛyea bi wɔ hɔ a ɛte sɛ me deɛ a wɔma ɛbaa me soɔ yi anaa? Deɛ Awurade de baa me so wɔ nʼabufuhyeɛ da no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.