Native Bible

Lamentations 1:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ.

Lamentations 1:15 in English

Lamentations 1:15 · Berean Standard Bible

The Lord has rejected all the mighty men in my midst; He has summoned an army against me * to crush my young warriors. Like grapes in a winepress, the Lord has trampled the Virgin Daughter of Judah.

Context

13“Ɔsomaa ogya firi ɔsoro, ma ɛbaa me nnompe mu. Ɔsum afidie maa me nan na ɔsane me kɔɔ mʼakyi. Ɔyɛɛ me pasaa, metɔɔ bira da mu nyinaa. 14“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa; ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu. Abɛda me kɔn mu na Awurade atwe mʼahoɔden. Ɔde me ahyɛ wɔn a merentumi nnyina wɔn anim no nsa. 15“Awurade apo ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa; wafrɛ akodɔm atia me sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ. Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so wɔ ne nsakyiamena hɔ. 16“Yeinom enti na mesu na nisuo adware me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ. Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.” 17Sion trɛ ne nsa mu nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ; Yerusalem abɛyɛ afideɛ wɔ wɔn mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.