Kwadwom 1:16
Lamentations 1:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Yeinom enti na mesu na nisuo adware me. Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ. Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ. Me mma agyigya ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.”
Lamentations 1:16 in English
Lamentations 1:16 · Berean Standard Bible
For these things I weep; my eyes flow with tears. For there is no one nearby to comfort me, no one to revive my soul. My children are destitute because the enemy has prevailed.
Context
14“Woakyekyere me bɔne sɛ adesoa;
ɔde ne nsa nwene bɔɔ mu.
Abɛda me kɔn mu
na Awurade atwe mʼahoɔden.
Ɔde me ahyɛ wɔn a
merentumi nnyina wɔn anim no nsa. 15“Awurade apo
ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ me ntam nyinaa;
wafrɛ akodɔm atia me
sɛ wɔmmɛdwɛre me mmeranteɛ.
Awurade atiatia Ɔbabaa Yuda Bunu so
wɔ ne nsakyiamena hɔ. 16“Yeinom enti na mesu
na nisuo adware me.
Obiara mmɛn a ɔbɛkyekye me werɛ.
Deɛ ɔbɛhyɛ me honhom den nni hɔ.
Me mma agyigya
ɛfiri sɛ ɔtamfoɔ no adi nkonim.” 17Sion trɛ ne nsa mu
nanso obiara nni hɔ a ɔbɛkyekye ne werɛ
Awurade ahyɛ ama Yakob sɛ
ne mfɛfoɔ bɛyɛ nʼatamfoɔ;
Yerusalem abɛyɛ
afideɛ wɔ wɔn mu. 18“Awurade yɛ ɔteneneeni,
nanso manni nʼahyɛdeɛ so.
Montie, mo amanaman nyinaa
monhwɛ me yea.
Me mmeranteɛ ne mmabaawa
kɔ nnommumfa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.