Jonah 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wotoo me twenee ebunu mu wɔ ɛpo ase tɔnn, na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ; wʼasorɔkye ne mframa bu faa me so.
Jonah 2:3 in English
Jonah 2:3 · Berean Standard Bible
For You cast me into the deep, into the heart of the seas, and the current swirled about me; all Your breakers and waves swept over me.
Context
1Yona firii apataa no yam bɔɔ Awurade ne Onyankopɔn mpaeɛ sɛ. 2Ɔkaa sɛ,
“Mʼahohia mu mefrɛɛ Awurade,
na ɔgyee me so.
Mefiri adamena ase tɔnn srɛɛ mmoa
na wotiee me sufrɛ. 3Wotoo me twenee ebunu mu
wɔ ɛpo ase tɔnn,
na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ;
wʼasorɔkye ne mframa
bu faa me so. 4Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim;
nanso mede mʼani bɛkyerɛ
wʼasɔredan kronkron no bio’ 5Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu,
ebunu no twaa me ho hyiaeɛ;
ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.