Jonah 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu, ebunu no twaa me ho hyiaeɛ; ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho.
Jonah 2:5 in English
Jonah 2:5 · Berean Standard Bible
The waters engulfed me to take my life; the watery depths closed around me; the seaweed wrapped around my head.
Context
3Wotoo me twenee ebunu mu
wɔ ɛpo ase tɔnn,
na ɔhweam twaa me ho hyiaeɛ;
wʼasorɔkye ne mframa
bu faa me so. 4Na mekaa sɛ, ‘Wɔapam me afiri wʼanim;
nanso mede mʼani bɛkyerɛ
wʼasɔredan kronkron no bio’ 5Nsuo a abu afa me so no bɔɔ me hu,
ebunu no twaa me ho hyiaeɛ;
ɛpo mu wira kyekyeree me tiri ho. 6Memem kɔɔ mmepɔ no ase pɛɛ;
asase ase kaa me hyɛɛ mu afebɔɔ.
Nanso wogyee me nkwa firii amena mu,
Ao Awurade, me Onyankopɔn. 7“Ɛberɛ a me nkwa resene akɔ no,
mekaee wo Awurade,
na me mpaeɛbɔ foro baa wo nkyɛn,
wɔ wʼasɔredan kronkron no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.