Native Bible

Joel 3:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.

Joel 3:16 in English

Joel 3:16 · Berean Standard Bible

The LORD will roar from Zion and raise His voice from Jerusalem; heaven and earth will tremble. But the LORD will be a refuge for His people, a stronghold for the people of Israel.

Context

14Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu. 15Owia ne ɔsrane bɛduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio. 16Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ. 17“Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn, mete Sion, me bepɔ kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio. 18“Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu, na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so; Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu, na asutire bɛtue afiri Awurade efie, na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.