Yoɛl 3:17
Joel 3:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn, mete Sion, me bepɔ kronkron so. Yerusalem bɛyɛ kronkron; na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio.
Joel 3:17 in English
Joel 3:17 · Berean Standard Bible
Then you will know that I am the LORD your God, who dwells in Zion, My holy mountain. Jerusalem will be holy, never again to be overrun by foreigners.
Context
15Owia ne ɔsrane bɛduru sum,
na nsoromma renhyerɛn bio. 16Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion,
ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem,
asase ne ɔsoro bɛwoso.
Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ,
ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ. 17“Afei, wobɛhunu sɛ, me Awurade, wo Onyankopɔn,
mete Sion, me bepɔ kronkron so.
Yerusalem bɛyɛ kronkron;
na ananafoɔ rentu wɔn so sa bio. 18“Saa ɛda no, nsã foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no mu,
na nufosuo atene wɔ nkokoɔ so;
Nsuo bɛba Yuda nsuwansuwa mu,
na asutire bɛtue afiri Awurade efie,
na agugu akasia subɔnhwa no so nsuo. 19Nanso Misraim bɛdane amanfo,
na Edom nso bɛyɛ anweatam,
ɛsiane awurukasɛm a wɔyɛ de tiaa nnipa a wɔwɔ Yuda enti.
Ɛhɔ na wɔhwiee mogya a ɛnni fɔ guiɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.