Native Bible

Joel 3:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu.

Joel 3:14 in English

Joel 3:14 · Berean Standard Bible

Multitudes, multitudes in the valley of decision! For the Day of the LORD is near in the valley of decision.

Context

12“Wɔnkanyane aman no; wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu, ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn. 13Monhwim kantankrankyi no, ɛfiri sɛ otwa berɛ no aduru so. Mommra, montiatia bobe no so, ɛfiri sɛ nsakyiamena no ayɛ ma na ankorɛ no ayɛ ma abu so. Saa ara na wɔn amumuyɛ dɔɔso!” 14Nipadɔm, nipadɔm wɔ gyinasie subɔnhwa no mu! Awurade ɛda no abɛn wɔ gyinasie subɔnhwa no mu. 15Owia ne ɔsrane bɛduru sum, na nsoromma renhyerɛn bio. 16Awurade bɛbobɔ mu afiri Sion, ne nne bɛgyegye afiri Yerusalem, asase ne ɔsoro bɛwoso. Nanso, Awurade bɛyɛ dwanekɔbea ama ne nkurɔfoɔ, ɔbɛyɛ abandenden ama Israelfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.