Native Bible

Joel 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mommoaboa nnipa no ano monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanimfoɔ, mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra.

Joel 2:16 in English

Joel 2:16 · Berean Standard Bible

Gather the people, sanctify the congregation, assemble the aged, gather the children, even those nursing at the breast. Let the bridegroom leave his room, and the bride her chamber.

Context

14Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ na wagya nhyira, a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no. 15Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro, momfrɛ nhyiamu kronkron. 16Mommoaboa nnipa no ano monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron; mommoaboa mpanimfoɔ, mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra. 17Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam; na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ, ‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ” 18Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.