Yoɛl 2:15
Joel 2:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion! Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro, momfrɛ nhyiamu kronkron.
Joel 2:15 in English
Joel 2:15 · Berean Standard Bible
Blow the ram’s horn in Zion, consecrate a fast, proclaim a sacred assembly.
Context
13Sunsuane wʼakoma
na ɛnnyɛ wo ntadeɛ mu.
Sane bra Awurade wo Onyankopɔn nkyɛn,
ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔdomfoɔ, ne yam yɛ.
Ne bo kyɛre fu na ne dɔ boro so,
na ɛnnyɛ no anigye sɛ ɔtwe yɛn aso. 14Hwan na ɔnim? Ebia ɔbɛsesa nʼadwene na wahunu mmɔbɔ
na wagya nhyira,
a ɛyɛ aduane ne hwiesa afɔrebɔdeɛ
a mode ma Awurade mo Onyankopɔn no. 15Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion!
Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro,
momfrɛ nhyiamu kronkron. 16Mommoaboa nnipa no ano
monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;
mommoaboa mpanimfoɔ,
mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano
Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra. 17Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no,
nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam;
na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn.
Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ
anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ,
‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.