Yoɛl 2:17
Joel 2:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no, nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam; na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn. Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ, ‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ”
Joel 2:17 in English
Joel 2:17 · Berean Standard Bible
Let the priests who minister before the LORD weep between the portico and the altar, saying, “Spare Your people, O LORD, and do not make Your heritage a reproach, an object of scorn among the nations. Why should they say among the peoples, ‘Where is their God?’”
Context
15Hyɛn totorobɛnto wɔ Sion!
Mommɔ akɔnkyene kronkron ho dawuro,
momfrɛ nhyiamu kronkron. 16Mommoaboa nnipa no ano
monte nhyiamu no ho na ɛnyɛ kronkron;
mommoaboa mpanimfoɔ,
mmɔfra ne mmaa a wɔrema nufoɔ ano
Ma ayeforɔ ne ayeforɔkunu mfiri wɔn pia mu mmra. 17Asɔfoɔ a wɔsom wɔ Awurade anim no,
nsu wɔ afɔrebukyia no ne abrannaa no ntam;
na wɔn nka sɛ, “Awurade fa wo nkurɔfoɔ ho kyɛ wɔn.
Mma wʼagyapadeɛ nnyɛ ahohoradeɛ
anaa fɛdideɛ wɔ aman no mu.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wobisa wɔ nnipa no mu sɛ,
‘Wɔn Onyame no wɔ he?’ ” 18Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho
na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ. 19Awurade bɛbua sɛ,
“Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo,
a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn.
Merenyɛ mo ahohoradeɛ
mma aman no bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.