Native Bible

Job 32:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’

Job 32:7 in English

Job 32:7 · Berean Standard Bible

I thought that age should speak, and many years should teach wisdom.

Context

5Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ. 6Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ, “Meyɛ abɔfra, na moyɛ mpanimfoɔ; ɛno enti na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo. 7Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa; ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’ 8Nanso honhom a ɛte onipa mu, Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ. 9Ɛnyɛ mpanimfoɔ nko na wɔyɛ anyansafoɔ, ɛnyɛ wɔn a wɔn ani afire nko na wɔte deɛ ɛyɛ ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.