Hiob 32:6
Job 32:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ, “Meyɛ abɔfra, na moyɛ mpanimfoɔ; ɛno enti na mesuroo sɛ mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
Job 32:6 in English
Job 32:6 · Berean Standard Bible
So Elihu son of Barachel the Buzite declared: “I am young in years, while you are old; that is why I was timid and afraid to tell you what I know.
Context
4Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no. 5Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ. 6Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ,
“Meyɛ abɔfra,
na moyɛ mpanimfoɔ;
ɛno enti na mesuroo sɛ
mɛka deɛ menim akyerɛ mo. 7Medwenee sɛ, ‘Ɛsɛ sɛ mpanimfoɔ kasa;
ɛsɛ sɛ wɔn a wɔn ani afire kyerɛ nyansa.’ 8Nanso honhom a ɛte onipa mu,
Otumfoɔ no ahomeɛ no na ɛma nteaseɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.