Hiob 32:4
Job 32:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no.
Job 32:4 in English
Job 32:4 · Berean Standard Bible
Now Elihu had waited to speak to Job because the others were older than he.
Context
2Na Busini Barakel babarima Elihu a ɔfiri Ram abusua mu no bo fuu Hiob yie sɛ ɔbu ne ho bem na ɔmmu Onyankopɔn mmom bem. 3Ne bo fuu nnamfonom baasa no sɛ wɔantumi anya nnyinasoɔ bi ammɔ Hiob nsɛm no angu, nanso wɔbuu no fɔ. 4Elihu twɛnee sɛ afoforɔ no bɛkasa akyerɛ Hiob, ɛfiri sɛ, na wɔanyinyini sene no. 5Na ɔhunuu sɛ nnipa baasa no nni asɛm biara ka bio no, nʼabufuo sɔreeɛ. 6Enti Busini Barakel babarima Elihu kaa sɛ,
“Meyɛ abɔfra,
na moyɛ mpanimfoɔ;
ɛno enti na mesuroo sɛ
mɛka deɛ menim akyerɛ mo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.