Native Bible

Job 27:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.

Job 27:15 in English

Job 27:15 · Berean Standard Bible

His survivors will be buried by the plague, and their widows will not weep for them.

Context

13“Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ, agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn: 14Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena; na nʼasefoɔ rennidi mmee da. 15Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn. 16Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ, 17nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.