Native Bible

Job 27:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ,

Job 27:16 in English

Job 27:16 · Berean Standard Bible

Though he heaps up silver like dust and piles up a wardrobe like clay,

Context

14Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena; na nʼasefoɔ rennidi mmee da. 15Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn. 16Ɛwom sɛ ɔhɔre dwetɛ te sɛ mfuturo na ɔboa ntoma ano sɛ dɔteɛ deɛ, 17nanso deɛ ɔpɛ gu hɔ no, ateneneefoɔ na wɔbɛfira na pɛpɛfoɔ no nso akyekyɛ dwetɛ no. 18Efie a ɔsi no te sɛ ananse afafa, ɛte sɛ pata bi a ɔwɛmfoɔ abɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.