Native Bible

Job 27:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ, agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn:

Job 27:13 in English

Job 27:13 · Berean Standard Bible

This is the wicked man’s portion from God— the heritage the ruthless receive from the Almighty.

Context

11“Mɛma mo Onyankopɔn tumi ho nkyerɛkyerɛ; meremfa Otumfoɔ no akwan nhinta. 12Mo ankasa moahunu yeinom nyinaa. Afei nsɛnhunu yi ase ne sɛn? 13“Yei ne deɛ Onyankopɔn ahyɛ ato hɔ ama omumuyɛfoɔ, agyapadeɛ a otirimuɔdenfoɔ nya firi Otumfoɔ nkyɛn: 14Sɛ ɔwɔ mma dodoɔ sɛn ara, wɔn hyɛberɛ ne akofena; na nʼasefoɔ rennidi mmee da. 15Ɔyaredɔm bɛsie wɔn a wɔbɛka wɔ nʼakyi, na wɔn akunafoɔ rensu wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.