Hiob 26:7
Job 26:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so.
Job 26:7 in English
Job 26:7 · Berean Standard Bible
He stretches out the north over empty space; He hangs the earth upon nothing.
Context
5“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu,
wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa. 6Asamando da adagya Onyankopɔn anim;
Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ. 7Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;
na ɔde asase sensɛn ohunu so. 8Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,
nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no. 9Ɔtrɛ ne omununkum mu
de kata ɔsrane ani.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.