Hiob 26:9
Job 26:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔtrɛ ne omununkum mu de kata ɔsrane ani.
Job 26:9 in English
Job 26:9 · Berean Standard Bible
He covers the face of the full moon,* spreading over it His cloud.
Context
7Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so;
na ɔde asase sensɛn ohunu so. 8Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu,
nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no. 9Ɔtrɛ ne omununkum mu
de kata ɔsrane ani. 10Ɔhyɛ agyiraeɛ wɔ nsuo so
de to hyeɛ wɔ hann ne esum ntam. 11Ɔsoro nnyinasoɔ woso,
na nʼanimka ma wɔn ho dwiri wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.