Native Bible

Job 26:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asamando da adagya Onyankopɔn anim; Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.

Job 26:6 in English

Job 26:6 · Berean Standard Bible

Sheol is naked before God, and Abaddon * has no covering.

Context

4Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu? 5“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu, wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa. 6Asamando da adagya Onyankopɔn anim; Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ. 7Ɔtrɛ atifi fam ewiem wɔ deɛ ɛda mpan so; na ɔde asase sensɛn ohunu so. 8Ɔkyekyere nsuo hyɛ ne omununkum mu, nanso nsuo no mu duru ntumi mpae no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.