Native Bible

Job 26:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu?

Job 26:4 in English

Job 26:4 · Berean Standard Bible

To whom have you uttered these words? And whose spirit spoke through you?

Context

2“Woaboa deɛ ɔnni tumi! Woagye basa a ɛnni ahoɔden! 3Woatu deɛ ɔnnim nyansa fo! Na woada nhunumu pa ara adi! 4Hwan na ɔboaa wo ma wokaa saa nsɛm yi? Hwan honhom na ɛkasa faa wo mu? 5“Awufoɔ wɔ ahoyera kɛseɛ mu, wɔn a wɔwɔ nsuo ase ne deɛ ɛte mu nyinaa. 6Asamando da adagya Onyankopɔn anim; Ɔsɛeɛ nso nni nkatasoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.