Native Bible

Job 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ, aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa?

Job 15:3 in English

Job 15:3 · Berean Standard Bible

Should he argue with useless words or speeches that serve no purpose?

Context

1Na Temanni Elifas buaa sɛ, 2“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma? 3Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ, aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa? 4Wototo onyamesuro ase mmom na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan. 5Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka; na woafa aniteɛ tɛkrɛma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.