Hiob 15:4
Job 15:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wototo onyamesuro ase mmom na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan.
Job 15:4 in English
Job 15:4 · Berean Standard Bible
But you even undermine the fear of God and hinder meditation before Him.
Context
2“Enti onyansafoɔ de nsɛm a aba biara nni muo bɛyi nʼano
anaasɛ ɔde apueeɛ mframa a emu yɛ hye bɛhyɛ nʼafuru ma? 3Ɔde nsɛm huhuo bɛdi anobaabaeɛ,
aka nsɛm a ɛntu bunu biara anaa? 4Wototo onyamesuro ase mmom
na wosi Onyankopɔn mu ahotosoɔ ho ɛkwan. 5Wo bɔne kyerɛ wʼano deɛ ɔnka;
na woafa aniteɛ tɛkrɛma. 6Wo ankasa wʼano bu wo kumfɔ, ɛnyɛ me deɛ;
wʼankasa wʼano di adanseɛ tia wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.