Hiob 10:17
Job 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so; wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara.
Job 10:17 in English
Job 10:17 · Berean Standard Bible
You produce new witnesses against me and multiply Your anger toward me. Hardships assault me in wave after wave.
Context
15Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me!
Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti,
ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma
na mʼamanehunu amene me. 16Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,
na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me. 17Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me
na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so;
wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara. 18“Adɛn enti na woma wɔwoo me?
Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me. 19Anka mamma nkwa yi mu,
anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.