Native Bible

Job 10:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ.

Job 10:19 in English

Job 10:19 · Berean Standard Bible

If only I had never come to be, but had been carried from the womb to the grave.

Context

17Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so; wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara. 18“Adɛn enti na woma wɔwoo me? Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me. 19Anka mamma nkwa yi mu, anaasɛ wosoaa me firi awotwaa mu de me kɔɔ damena mu tee a, anka ɛyɛ. 20Aka kakra na me nna atwam, gyaa me na menya anigyeɛ ɛberɛ tiawa bi 21ansa na makɔ koransane kusuuyɛ ne sunsumma kabii asase so,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.