Hiob 10:16
Job 10:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata, na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me.
Job 10:16 in English
Job 10:16 · Berean Standard Bible
Should I hold my head high, You would hunt me like a lion, and again display Your power against me.
Context
14Sɛ meyɛɛ bɔne a anka wobɛhwɛ me
na wobɛma me ɛso asotwe. 15Na sɛ medi fɔ a, nnome nka me!
Na sɛ mpo medi bem a, merentumi mpagya me ti,
ɛfiri sɛ aniwuo ahyɛ me ma
na mʼamanehunu amene me. 16Na sɛ mepagya me ti a, wodɛɛdɛɛ me sɛ gyata,
na bio woda wo tumi nwanwa no adi tia me. 17Wode adansefoɔ foforɔ bɛtia me
na woma wʼabofuo ano yɛ den wɔ me so;
wʼakodɔm tu ba me so ɛberɛ biara. 18“Adɛn enti na woma wɔwoo me?
Ɛkaa me nko a anka mewuiɛ ansa na ani bi rehunu me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.