Job 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa?
Job 1:9 in English
Job 1:9 · Berean Standard Bible
Satan answered the LORD, “Does Job fear God for nothing?
Context
7Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?”
Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.” 8Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.” 9Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa? 10Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so. 11Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.