Job 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?” Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.”
Job 1:7 in English
Job 1:7 · Berean Standard Bible
“Where have you come from?” said the LORD to Satan. “From roaming through the earth,” he replied, “and walking back and forth in it.”
Context
5Sɛ apontoɔ nna no twam a, Hiob soma kɔfrɛ wɔn na wɔdwira wɔn ho. Ɔsɔre anɔpahema bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma wɔn mu biara, ɛfiri sɛ ɔdwene sɛ, “Ebia na me mma no ayɛ bɔne na wɔadome Onyankopɔn wɔ wɔn akoma mu.” Yei yɛ dwuma a na Hiob di no ɛberɛ-ano-berɛ ano. 6Ɛda bi, abɔfoɔ no de wɔn ho bɛkyerɛɛ Awurade, na Satan kaa wɔn ho baeɛ. 7Awurade bisaa Satan sɛ, “Wofiri he na wobaa ha?”
Satan buaa Awurade sɛ, “Mefiri asase so akyinkyinakyinkyini ne emu akɔneabadie mu.” 8Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Wadwene me ɔsomfoɔ Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene, ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne.” 9Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.