Hiob 1:11
Job 1:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.”
Job 1:11 in English
Job 1:11 · Berean Standard Bible
But stretch out Your hand and strike all that he has, and he will surely curse You to Your face.”
Context
9Satan buaa Awurade sɛ, “Hiob suro Onyankopɔn kwa anaa? 10Wonnyee ban mfaa ɔno, ne fie ne biribiara a ɔwɔ ho anaa? Woahyira ne nsa ano adwuma so, enti ne nnwan ne nʼanantwie ase atrɛ asase no so. 11Na wo deɛ, tene wo nsa na sɛe deɛ ɔwɔ nyinaa, na ɔbɛgyina wʼanim na wadome wo.” 12Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, deɛ ɔwɔ nyinaa wɔ wo nsam, nanso ɔno ankasa deɛ, mfa wo nsateaa nka no.”
Na Satan firii Awurade anim kɔeɛ. 13Ɛda bi a Hiob mmammarima ne ne mmammaa redidi na wɔrenom bobesa wɔ wɔn nuabarima panin fie no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.