Native Bible

John 17:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea.

John 17:9 in English

John 17:9 · Berean Standard Bible

I ask on their behalf. I do not ask on behalf of the world, but on behalf of those You have given Me; for they are Yours.

Context

7Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn. 8Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me. 9Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea. 10Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam. 11Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.