Yohane 17:10
John 17:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam.
John 17:10 in English
John 17:10 · Berean Standard Bible
All I have is Yours, and all You have is Mine; and in them I have been glorified.
Context
8Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me. 9Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea. 10Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam. 11Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no. 12Ɛberɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.