Yohane 17:11
John 17:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no.
John 17:11 in English
John 17:11 · Berean Standard Bible
I will no longer be in the world, but they are in the world, and I am coming to You. Holy Father, protect them by Your name, the name You gave Me,* so that they may be one as We are one.
Context
9Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea. 10Biribiara a mewɔ no yɛ wo dea na biribiara a wowɔ no nso yɛ me dea. Ɛnam yeinom so ama manya animuonyam. 11Na afei, merefiri ewiase, na magya wɔn wɔ akyire aba wo nkyɛn. Agya kronkron, wɔn a wode wɔn maa me no, fa wo din a tumi wɔ mu no bɔ wɔn ho ban na wɔayɛ baako sɛdeɛ wo ne me yɛ baako no. 12Ɛberɛ a me ne wɔn wɔ hɔ no, mede tumi a wode maa me no hwɛɛ wɔn so. Mebɔɔ wɔn ho ban, na wɔn mu biara annyera, gye onipa a ɛsɛ sɛ ɔyera no nko ara, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm no bɛba mu. 13“Afei mereba wo nkyɛn. Maka saa nsɛm yi nyinaa ɛberɛ a meda so wɔ ewiase yi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mʼanigyeɛ bɛhyɛ wɔn ma.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.