Yohane 17:7
John 17:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn.
John 17:7 in English
John 17:7 · Berean Standard Bible
Now they know that everything You have given Me comes from You.
Context
5Na afei, Agya, fa animuonyam a mewɔ wɔ wʼanim ansa na worebɔ ewiase no hyɛ me wɔ wʼanim ha. 6“Mama nnipa a na anka wɔte ewiase a wode wɔn hyɛɛ me nsa no ahunu wo. Na wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me. Wɔatie wʼasɛm. 7Afei, wɔahunu sɛ biribiara a wode maa me no firi wo nkyɛn. 8Mekaa asɛm a woka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn na wɔtieeɛ. Wɔnim sɛ ɛyɛ nokorɛ sɛ mefiri wo nkyɛn na mebaeɛ. Na wɔgye di sɛ wo na wosomaa me. 9Mebɔ mpaeɛ ma wɔn. Memmɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye wʼasɛm nni, na mmom, nnipa a wode wɔn maa me no na mebɔ mpaeɛ ma wɔn, ɛfiri sɛ, wɔyɛ wo dea.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.